Dataset Viewer
Auto-converted to Parquet Duplicate
text
stringlengths
11
1.97k
Ná Mose yɛ ɔbarima a odwo sen nnipa a wɔwɔ asaase so nyinaa.
Enti biribiara a Onyankopɔn aka akyerɛ wo no, yɛ.
Moabni Rut a na ɔyɛ Malon yere no nso, merefa no aware no na owufo no din asan aba nagyapade so, sɛnea ɛbɛyɛ a owufo no din renyera mfi ne nuanom mu ne ne kurom.
Na seesei merekyerɛw mo sɛ, obiara a wɔfrɛ no onua a ɔyɛ oguamammɔfo anaa ɔbosonsonni anaa obi a otwa nkurɔfo adapaa no, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo.
Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Ka a meka kyerɛɛ wo sɛ mihuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase nti na woagye adi yi? Wubehu nea ɛkyɛn eyinom.
Aser bɔ hye wɔ atifi na wɔne Isakar nso bɔ hye wɔ apuei.
Sɛ edu afahyɛ bere anaa nnapɔnna a, eyinom na wɔmfa mmɔ aduan afɔre: Ɔmfa aduan efa baako nka nantwinini kumaa no ho, na ɔmfa efa baako nso nka odwennini no ho, na adwennini nkumaa no de, ɔmfa aduan a ne nsa bɛso so nka ho, na aduan efa biara nso, ɔmfa ngo hin baako nka ho.
Afei nso, momfa ns hin f mmɛbɔ ns afɔre, momfa mmɛbɔ afɔre huamhuam a wɔde ogya hyew mma Yehowa.
Munni mahyɛde ne matemmusɛm so. Obiara a ɔbɛyɛ saa no nam so benya nkwa.
Sɛ obi pɛtɛw asaase so nneduafo nyinaa wɔ ne nan ase, Sɛ obi bu ɔbarima atɛnkyea wɔ Ɔsorosoroni no anim, Sɛ obi sisi obi wɔ nasɛnni mu a, Ne nyinaa Yehowa nsosɔ so.
O Yehowa, wo din nti, kora me nkwa so.
Nanso ɔbɛka akyerɛ mo sɛ, Minnim baabi a mufi. Mumfi me so nkɔ, mo a moyɛ nea ɛnteɛ nyinaa! Ɛhɔ na mubesu na moaka mo se asi so denneennen, efisɛ mubehu Abraham ne Isak ne Yakob ne adiyifo no nyinaa wɔ Onyankopɔn Ahenni mu, nanso mo de, wɔbɛpam mo akɔ abɔnten.
Nea ɛwom ne sɛ, akwankyerɛ a mede ama yi, adwene a ɛwɔ akyi ara ne sɛ yebefi koma a emu tew, ne ahonim pa, ne gyidi a nyaatwom nnim mu ada ɔdɔ adi.
Asafo Yehowa asɛm san baa me nkyɛn bio sɛ: Nea asafo Yehowa aka ni, Akɔnkyen a wɔyɛ no bosome a ɛto so anan, akɔnkyen a wɔyɛ no bosome a ɛto so anum, akɔnkyen a wɔyɛ no bosome a ɛto so ason, ne akɔnkyen a wɔyɛ no bosome a ɛto so du mu nyinaa bɛyɛ anigye ne ahurusi bere ama Yuda fi; ɛbɛyɛ afahyɛ ahorow a ɛyɛ anigye.
Ahobrɛasefo bedidi amee; Wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no beyi no ayɛ.
Wɔtotoo abantenten no apon nso mu, na wodunnum nkanea no.
Ohiani a nabrabɔ di mu no, Oye sen osikani a nakwan aporɔw.
Basabasayɛ anyin abɛyɛ amumɔyɛ abaa.
Na ɛnnɛ wo nso woahyɛ Yehowa bɔ sɛ wobɛyɛ ne man, nagyapade titiriw, sɛnea ɔhyɛɛ wo bɔ no, na wubedi ne mmara nsɛm nyinaa so.
Wɔbɛyɛ te sɛ akatakyi A wotiatia abɔnten so atɛkyɛ mu wɔ ɔko mu.
Me nuanom, ɛnyɛ mo nyinaa na ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfo, efisɛ sɛnea munim no, yɛn paa na yebenya atemmu a emu yɛ duru.
Sɛ moanhwɛ yiye a, mɛba mo mu prɛko pɛ abɛsɛe mo nyinaa.
Dawid ne Israel nyinaa de nnwom, asanku, asankuten, mpintin, dii ahurusi kɛse wɔ nokware Nyankopɔn no anim.
Dawid akatakyi no din ni: Yasobeam a ɔyɛ Hakmoni aseni; ɔno ne baasa no so panyin.
Efisɛ honhom no mmara a ɛnam Kristo Yesu so ma nkwa no, ama moade afi bɔne ne owu mmara ho.
Enti Dawid bisaa Yehowa sɛ: Menkɔ na minkokunkum Filistifo yi anaa? Yehowa buaa Dawid sɛ: Kɔ, kokunkum Filistifo no na gye Keilafo.
Momma ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan nsra no ngo wɔ hɔ mfa no nsi Israel so hene, na mommɔ abɛn nka sɛ, Ma Ɔhene Solomon nnya nkwa tenten! Munni nakyi mfa no mmra na ɔmmɛtena mahengua so. Ɔno na obedi made ayɛ ɔhene, na ɔno na mɛyɛ no Israel ne Yuda kannifo.
Na aman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛmforo nkɔ Yehowa bepɔw so, Nkɔ Yakob Nyankopɔn fi.
Nanso wɔn a Mose ne ɔsɔfo Aaron kyerɛw wɔn din bere a wɔkan Israelfo wɔ Sinai sare so no, na wɔn mu baako mpo nka eyinom ho.
Ɛnna Yehowa somaa Hanani ma ɔkɔkaa atemmusɛm yi tiaa Baasa: Memaa wo so fii mfuturu mu yɛɛ wo ɔpanyin wɔ me man Israel so, nanso nea Yeroboam yɛe no, ɛno ara bi na woreyɛ, na woama me man Israel ayɛ bɔne de wɔn bɔne ahyɛ me abufuw.
Hwɛ, Yehowa na wapaw wo sɛ si ofi ma ɛnyɛ tenabea kronkron. Nya akokoduru na fi adwuma no ase.
Onyankopɔn ama me koma atu, Na ade nyinaa so Tumfo no ama mabɔ hu.
Afei ɔkɔɔ asɔrefi hɔ, na bere a ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfo mpanyin ne ɔman no mu mpanyimfo baa ne nkyɛn bebisae sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ eyinom? Na hena na ɔmaa wo saa tumi yi? Yesu buaa wɔn sɛ: Me nso, mebisa mo asɛm baako. Sɛ moka kyerɛ me a, me nso mɛka tumi ko a mede yɛ eyinom akyerɛ mo: Ɛhe na Yohane nyaa tumi a ɔde b...
Ebinom nso ne Yokim, Koseba mmarima, Yoas, ne Saraf a wɔwarewaree Moabfo mmea, ne Yasubi-Lehem. Eyinom nyinaa yɛ tete kyerɛwtohɔ.
Sɛ omununkum no fi ɔsom ntamadan no so a, ntɛm ara na Israelfo no atu, na baabi a omununkum no begyina no, ɛhɔ na Israelfo no bɛsoɛ.
Na adɛn nti na wɔampɔn me ahintawee mu, Te sɛ mmofra a wɔanhu hann da? Ɛhɔ na nnebɔneyɛfo mpo nyɛ gidigidi bio; Ɛhɔ na wɔn a wɔabrɛ rehome.
Ɔbɛsan ahu yɛn mmɔbɔ; obedi yɛn mfomso so nkonim.
Na Ɔhene Sedekia soma kɔfaa no bae, na ɔhene bisabisaa no nsɛm kokoam wɔ ne fi Obisaa no sɛ: Woate asɛm bi afi Yehowa hɔ anaa? Ɛnna Yeremia kae sɛ: Yiw! Na ɔtoaa so sɛ: Wɔde wo bɛhyɛ Babilon hene nsa! Ɛnna Yeremia bisaa Ɔhene Sedekia sɛ: Bɔne bɛn koraa na mayɛ wo ne wo nkoa ne ɔman yi a enti mode me ato afiase yi? Mo a...
Ne nan sian kɔ owu mu.
Wo nkaesɛm yɛ nwonwa.
Nkontomposɛm na obiara keka kyerɛ ne yɔnko; na wɔdaadaa wɔn.
Nea ɛte sɛ eyi ne asubɔ, na seesei ɛnam Yesu Kristo wusɔre so gye mo nkwa; ɛnyɛ sɛ eyi yɛn honam ho f, na mmom ɛyɛ adesrɛ a yɛde to Onyankopɔn anim de bisa ahonim pa.
Bere a wɔka kyerɛɛ Dawid no, ɛhɔ ara na osian kɔhyɛɛ ɔbotan mu wɔ Maon sare so, na ɔtenaa hɔ. Saul tee no, otiw Dawid wɔ Maon sare no so.
Nnanu akyi, ɔbɛma yɛanya nkwa.
Ogyee no nahohia nyinaa mu.
Sɛnea asau bɔne yi mpataa na afiri yi nnomaa no, saa ara na asiane to nnipa mma prɛko pɛ, na eyi wɔn sɛ afiri.
Ma ɔsɔfo no nyi ne srade nyinaa, ne dua a adɔ srade no, ne ne nsono ho srade, ne asaabo abien no ne ɛho srade a ɛbɛn nasen no. Onyi mmerɛbo no ho srade nka asaabo no ho.
Mɛda manuonyam adi wɔ amanaman no mu, na aman nyinaa behu matemmu ne me tumi a mada no adi wɔ wɔn mu no.
(Saa bere no, na ɔbea no ho ntew, enti na ɔredwira ne ho.) Ɛno akyi no, ɔsan kɔɔ ne fi.
Bere a ofii hɔ no, ɔsɔre baa Yudea ahye so wɔ Yordan agya, na nnipadɔm san boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn. Na sɛnea ɔtaa yɛ no, ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.
Eyinom nyinaa yɛ Aser mma; wɔyɛ wɔn agyanom abusuafi mpanyimfo, mmarima akokodurufo a wɔapaw wɔn. Wɔyɛ mmusua mu mpanyimfo; wɔn a wɔkyerɛw wɔn din sɛnea wɔn mmusua te no yɛ mmarima , a wɔkɔ ɔko.
Bere a mihui sɛ ɔkɔ no, Mehwehwɛɛ no, nanso Mefrɛɛ no, nanso wannye me so.
Afei Onyankopɔn honhom baa Oded ba Asaria so.
Nanso wo mmara nsɛm de, sɛnea edi mu no nni ano.
Afei Yuda twiw bɛn no kae sɛ: Me wura, mesrɛ wo, ma wakoa nkasa na tie, na mma wo bo mmfuw wakoa, efisɛ wote sɛ Farao.
Sɛ ɛsow aba daakye a, asɛmpa; sɛ ansow a, ɛnde twa kyene.
Bere a wogyaa wɔn no, wɔkɔɔ asuafo a aka no nkyɛn, na asɛm a asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔbɔɔ wɔn amanneɛ.
Ɔkɔɔ soro, na ɔwɔ Onyankopɔn nsa nifa; na wɔde abɔfo ne atumfo ne ahoɔdenfo ahyɛ nase.
Mo a mote wiase ne mo a mote asaase so nyinaa, Nea mubehu no bɛyɛ te sɛ ahyɛnsode a wɔde asi mmepɔw so, Na mobɛte nne bi te sɛ nea wɔrebɔ abɛn.
Afei aduan a wɔde abɔ afɔre ama abosom no, nea mewɔ ka wɔ ho ni: Yenim sɛ yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ.
Monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo nuanom a wɔanni mo agyanom Nyankopɔn Yehowa nokware ma ɔsɛee wɔn sɛnea munim yi.
Na Baalam sɔree anɔpa ka kyerɛɛ Balak mpanyimfo no sɛ: Monkɔ mo asaase so, efisɛ Yehowa ampene so sɛ me ne mo bɛkɔ.
Enti bere a Abraham nyaa abotare no, ne nsa kaa bɔhyɛ yi.
Adanse yi nti na wɔpaw me sɛ ɔsɛnkafo ne ɔsomafo, ne obi a ɔkyerɛkyerɛ gyidi ne nokware no kyerɛ amanaman no.
Wɔde Absalom kɔtoo amoa kɛse bi mu wɔ kwae mu hɔ, na wɔsoaa abo pii guu no so.
Me bo afuw nguanhwɛfo no denneennen, Na atumfo a wɔn tirim yɛ den no beyi wɔn ano akyerɛ me; Efisɛ asafo Yehowa atwa nani abɛhwɛ ne nguan, watwa nani abɛhwɛ Yuda fi.
Na nawofo ani gye boroo so, nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnnka nea asi no nnkyerɛ obiara.
Obiara a ɔde ɔhaw ba ne fi so no, nea obenya ara ne mframa, Na ɔkwasea bɛyɛ akoa ama koma mu nyansafo.
Nka sɛ: Nea wayɛ me no, saa ara na me nso mɛyɛ no; Nea ɔyɛɛ me no, mɛyɛ no bi atua ka.
Nasraafo a wɔkyerɛw wɔn din no dodow yɛ ,.
Hu sɛ wo nti na animguase yi aba me so.
Nna bi akyi no, Ɔhene Agripa ne Bernike baa Kaesarea bekyiaa Festo maa no amo.
Ɛwom sɛ ɛnyɛ asɛm foforo mma mo de, nanso mepɛ sɛ mekae mo sɛ bere a Yehowa gyee nnipa bi fii Egypt asaase so no, akyiri yi ɔsɛee wɔn a na wonni gyidi no.
Wɔka kyerɛɛ me sɛ: Wɔn a wɔafi obi man so aba a wɔwɔ ɔmantam no mu asɛm yɛ mmɔbɔ paa, na animguase aka wɔn.
Momfa esiam muhumuhu a wɔde ngo afra nka ho mmɔ ɛho aduan afɔre; momfa nkyem du mu abiɛsa nka nantwinini biara ho, na momfa nkyem du mu abien nka odwennini no ho mmɔ aduan afɔre.
Wɔde ma dwom kyerɛfo. Ɔkwan a wɔfa so to dwom no: Nsɛe Me. Asaf O Onyankopɔn, yɛda wo ase, yɛda wo ase; Wo din nni akyirikyiri, Na nkurɔfo ka wanwonwadwuma ho asɛm.
Na sɛ wonyan me fi awufo mu a, medi mo anim akɔ Galilea.
Nanso ɛyɛ honhom a ɛwɔ nnipa mu, Ade nyinaa so Tumfo no home na ɛma wonya ntease.
Nyɛ ohoni a wɔasen biara anaa biribi a ɛwɔ soro anaa asaase so anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asaase ase sɛso biara mfa.
(Saa bere no, na ɔhyɛ ataade soronko bi; saa ataade no na na ɔhene mma mmea a wɔyɛ mmaabun no hyɛ.) Enti ɔsomfo no maa ababaa no puei, na ɔtoo ɔpon no mu.
toa Naftali so, na nahye fi apuei kosi atɔe.
Ɔno ara na ɔsoaa asɛndua no pue kɔɔ baabi a wɔato din Tikora, nea Hebri mu wɔfrɛ hɔ Ɛhɔ na wɔbɔɔ Yesu ne mmarima baanu bi asɛndua mu.
Wankɔ sɛ ɔde ne ho rekɔbɔ afɔre mpɛn pii, te sɛ nea na ɔsɔfo panyin no de mogya a ɛnyɛ ɔno ara ne mogya kɔ kronkronbea hɔ afe biara Anyɛ saa a, anka gye sɛ ohu amane mpɛn pii fi bere a wɔhyɛɛ wiase ase no.
Mene Onyankopɔn, na obiara nni hɔ a ɔte sɛ me.
Fa si Yehowa wo Nyankopɔn anim na kotow Yehowa wo Nyankopɔn anim.
Halohes ba Salum, Yerusalem mantam f soafo no na ɔtoaa wɔn so yɛɛ adwuma no bi, ɔne ne mma mmea.
Na bere a wogyaw no too baabi no, Farao babea faa no, na ɔtetee no sɛ ɔno ara ne ba.
Efisɛ eye sɛ obi bɛtena wo fi adiwo da koro sen sɛ obedi nna apem wɔ baabi foforo biara.
Ɛnna mmarima no faa no sɛ nneɛma bɛkɔ yiye, na ne koma mu asɛm na waka no, enti wɔkae sɛ: Ben-Hadad yɛ wo nua. Na ɔno nso kae sɛ: Monkɔfa no mmra. Enti Ben-Hadad baa ne nkyɛn, na ntɛm ara ɔma ɔforo bɛtenaa ne teaseɛnam mu.
Sɛ moyɛ mo nuanom bɔne saa, na mupira wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛw no a, na moreyɛ Kristo bɔne.
Monhwɛ anantwinini, ne adwennini, ne adwennini nkumaa no dodow ho, na momfa ɛho aduan afɔre ne ɛho ns afɔre no nka ho. Monyɛ no sɛnea wɔyɛ no daa no.
Sɛ wudu hɔ a, hwehwɛ Nimsi ba Yehosafat ba Yehu wɔ hɔ; kɔ ne nkyɛn na ma ɔnsɔre mfi ne nuanom mu, na fa no kɔ pia mu.
Sɛ mmoa a mutumi we no bi wu a, obiara a obeso ne funu mu no, ne ho rentew kosi anwummere.
Adetrenee a wayɛ nti, obenya nkwa.
Afei wɔbɛbɔɔ Dawid amanneɛ sɛ: Ahitofel nso akɔka Absalom nkurɔfo no ho.
Na nea mede maa wɔn no befi wɔn nsa.
Wɔn a wɔyɛ ahoni nyinaa yɛ nnipahunu, Na ade a wɔn ani gye ho no, mfaso biara nni so.
Nanso, Dawid ko faa Sion abannennen a seesei wɔfrɛ hɔ Dawid Kurow no.
Afei mfe ason a aduan buu so wɔ Egypt asaase so no baa awiei, na ɔkɔm a Yosef kae sɛ ɛbɛba mfe ason no fii ase.
Hwɛ! Esum bɛkata asaase so, Na esum kabii akata amanaman so; Nanso wo de, Yehowa bɛhyerɛn wo so, Na wobehu nanuonyam wɔ wo so.
End of preview. Expand in Data Studio

Akan Bible Text Corpus

This dataset contains text from the Akan (Twi) Bible, preprocessed and cleaned for NLP tasks such as training language models.

Dataset Structure

  • train: 90% of the data
  • test: 10% of the data

Each row contains a single column:

  • text: A sentence or merged sentence group from the Twi Bible

Source

This dataset was scraped from the JWT Twi Bible found here: https://www.jw.org/tw/nhomakorabea/bible/nwt/nhoma/

Usage

from datasets import load_dataset

dataset = load_dataset("prince4332/akan-bible-text-corpus")
Downloads last month
6